Native Bible

Psalms 78:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, ɔtwaa wɔn nna so te sɛ ahuro yɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu.

Psalms 78:33 in English

Psalms 78:33 · Berean Standard Bible

So He ended their days in futility,* and their years in sudden terror.

Context

31Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so; ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mu twitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ. 32Yeinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne; nʼanwanwadeɛ akyi no, wɔannye anni. 33Enti, ɔtwaa wɔn nna so te sɛ ahuro yɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu. 34Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no, na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn. 35Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan, sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.