Native Bible

Psalms 78:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ.

Psalms 78:29 in English

Psalms 78:29 · Berean Standard Bible

So they ate and were well filled, for He gave them what they craved.

Context

27Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so, nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea. 28Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ, ne wɔn ntomadan ho nyinaa. 29Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ. 30Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho, ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no, 31Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so; ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mu twitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.