Nnwom 78:27
Psalms 78:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so, nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea.
Psalms 78:27 in English
Psalms 78:27 · Berean Standard Bible
He rained meat on them like dust, and winged birds like the sand of the sea.
Context
25Nnipa dii abɔfoɔ aduane;
ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa. 26Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii sorosoro,
na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa. 27Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so,
nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea. 28Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ,
ne wɔn ntomadan ho nyinaa. 29Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so
ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.