Nnwom 69:5
Psalms 69:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Onyankopɔn, wonim me kwasea a mayɛ; mʼafɔdie nhintaa wo.
Psalms 69:5 in English
Psalms 69:5 · Berean Standard Bible
You know my folly, O God, and my guilt is not hidden from You.
Context
3Mafrɛ mabrɛ sɛ mepɛ mmoa.
Me mene mu awe.
Mʼani so ayɛ kusuu,
na merehwehwɛ me Onyankopɔn. 4Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso
sene me tiri so nwi;
wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso,
wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no.
Wɔhyɛ me sɛ mennane
deɛ menwiaaɛ no mma. 5Ao Onyankopɔn, wonim me kwasea a mayɛ;
mʼafɔdie nhintaa wo. 6Mma wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no
anim ngu ase ɛsiane me enti,
Ao Awurade, Asafo Awurade;
mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no
anim ngu ase me enti,
Ao Israel Onyankopɔn. 7Wo enti wobu me animtiaa,
na aniwuo akata mʼanim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.