Nnwom 69:2
Psalms 69:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Meremem wɔ atɛkyɛ a emu dɔ mu, wɔ baabi a me nan nnya siberɛ. Maduru subunu mu na nsuo abu afa me so.
Psalms 69:2 in English
Psalms 69:2 · Berean Standard Bible
I have sunk into the miry depths, where there is no footing; I have drifted into deep waters, where the flood engulfs me.
Context
1Ao Onyankopɔn, gye me nkwa
na nsuo no abɛdeda me kɔn mu. 2Meremem wɔ atɛkyɛ a emu dɔ mu,
wɔ baabi a me nan nnya siberɛ.
Maduru subunu mu
na nsuo abu afa me so. 3Mafrɛ mabrɛ sɛ mepɛ mmoa.
Me mene mu awe.
Mʼani so ayɛ kusuu,
na merehwehwɛ me Onyankopɔn. 4Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso
sene me tiri so nwi;
wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso,
wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no.
Wɔhyɛ me sɛ mennane
deɛ menwiaaɛ no mma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.