Nnwom 68:3
Psalms 68:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnye na wɔnsɛpɛ wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim; ma wɔn ho ntɔ wɔn na wɔnni ahurisie.
Psalms 68:3 in English
Psalms 68:3 · Berean Standard Bible
But the righteous will be glad and rejoice before God; they will celebrate with joy.
Context
1Ma Onyankopɔn nsɔre, na nʼatamfoɔ mmɔ mpete;
wɔn a wɔtane noɔ no nnwane mfiri nʼanim. 2Sɛdeɛ mframa bɔ wisie gu no,
saa ara na bɔ wɔn gu;
sɛdeɛ sradeɛ nane wɔ ogya so no,
saa ara na amumuyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim. 3Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnye
na wɔnsɛpɛ wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim;
ma wɔn ho ntɔ wɔn na wɔnni ahurisie. 4To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ.
Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so.
Ne din ne Awurade;
ma wʼani nnye wɔ nʼanim. 5Nwisiaa agya ne deɛ ɔdi akunafoɔ asɛm ma wɔn
ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenaeɛ kronkron hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.