Native Bible

Psalms 68:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ. Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so. Ne din ne Awurade; ma wʼani nnye wɔ nʼanim.

Psalms 68:4 in English

Psalms 68:4 · Berean Standard Bible

Sing to God! Sing praises to His name. Exalt Him who rides on the clouds *— His name is the LORD— and rejoice before Him.

Context

2Sɛdeɛ mframa bɔ wisie gu no, saa ara na bɔ wɔn gu; sɛdeɛ sradeɛ nane wɔ ogya so no, saa ara na amumuyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim. 3Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnye na wɔnsɛpɛ wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim; ma wɔn ho ntɔ wɔn na wɔnni ahurisie. 4To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ. Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so. Ne din ne Awurade; ma wʼani nnye wɔ nʼanim. 5Nwisiaa agya ne deɛ ɔdi akunafoɔ asɛm ma wɔn ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenaeɛ kronkron hɔ. 6Ɔma onnibie tena mmusua mu, na ɔde nnwontoɔ yi nneduafoɔ ma wɔde wɔn ho; na atuatefoɔ deɛ, wɔtena asase a awo so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.