Nnwom 66:9
Psalms 66:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wahwɛ yɛn nkwa so na wamma yɛn nan anwatiri.
Psalms 66:9 in English
Psalms 66:9 · Berean Standard Bible
He preserves our lives and keeps our feet from slipping.
Context
7Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa,
na ɔde nʼani nso hwɛ aman so.
Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no. 8Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn,
momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ. 9Wahwɛ yɛn nkwa so
na wamma yɛn nan anwatiri. 10Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ;
na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ. 11Wode yɛn kɔguu nneduadan mu
na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.