Native Bible

Psalms 66:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ; na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ.

Psalms 66:10 in English

Psalms 66:10 · Berean Standard Bible

For You, O God, have tested us; You have refined us like silver.

Context

8Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn, momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ. 9Wahwɛ yɛn nkwa so na wamma yɛn nan anwatiri. 10Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ; na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ. 11Wode yɛn kɔguu nneduadan mu na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi. 12Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so; yɛfaa ogya ne nsuo mu, nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.