Native Bible

Psalms 64:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm; wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro.

Psalms 64:4 in English

Psalms 64:4 · Berean Standard Bible

ambushing the innocent in seclusion, shooting suddenly, without fear.

Context

2Fa me sie firi amumuyɛfoɔ agyinatuo ho, ne nnebɔneyɛfoɔ dodoɔ no gyegyeegyeyɛ ho. 3Wɔse wɔn tɛkrɛma sɛ akofena na wɔse wɔn ano sɛ mmɛmma kɔdiawuo. 4Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm; wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro. 5Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho, wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie; wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?” 6Wɔbɔ atɛnkyea ho pɔ na wɔka sɛ, “Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ!” Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene yɛ anifire.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.