Nnwom 64:5
Psalms 64:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho, wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie; wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?”
Psalms 64:5 in English
Psalms 64:5 · Berean Standard Bible
They hold fast to their evil purpose; they speak of hiding their snares. “Who will see them?” they say.
Context
3Wɔse wɔn tɛkrɛma sɛ akofena
na wɔse wɔn ano sɛ mmɛmma kɔdiawuo. 4Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm;
wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro. 5Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho,
wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie;
wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?” 6Wɔbɔ atɛnkyea ho pɔ na wɔka sɛ,
“Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ!”
Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene yɛ anifire. 7Nanso, Onyankopɔn bɛto bɛmma awɔ wɔn;
na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.