Native Bible

Psalms 6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 6
1Ao, Awurade nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu. 2Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ; Ao Awurade sa me yadeɛ na me nnompe wɔ ahoyera mu. 3Me kra wɔ ahohia mu. Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? 4Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa; gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti. 5Obi a wawuo no renkae wo da, hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ? 6Apinisie ama mayɛ mmerɛ. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa na me nisuo fɔ me sumiiɛ. 7Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti. 8Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho, ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ. 9Awurade ate me mmɔborɔ su; Awurade tie me sufrɛ. 10Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase na wɔn ho adwiri wɔn; na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.