Native Bible

Psalms 6:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Apinisie ama mayɛ mmerɛ. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa na me nisuo fɔ me sumiiɛ.

Psalms 6:6 in English

Psalms 6:6 · Berean Standard Bible

I am weary from groaning; all night I flood my bed with weeping and drench my couch with tears.

Context

4Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa; gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti. 5Obi a wawuo no renkae wo da, hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ? 6Apinisie ama mayɛ mmerɛ. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa na me nisuo fɔ me sumiiɛ. 7Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti. 8Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho, ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.