Nnwom 57:8
Psalms 57:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me kra nyane! Sankuo ne bɛnta, monnyane! Me nso mɛnyane anɔpahema.
Psalms 57:8 in English
Psalms 57:8 · Berean Standard Bible
Awake, my glory!* Awake, O harp and lyre! I will awaken the dawn.
Context
6Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie,
ahohiahia brɛɛ me ase.
Wɔtuu amena wɔ me kwan mu,
nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu. 7Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn,
mʼakoma nhinhim;
mɛto dwom na mayi wo ayɛ. 8Me kra nyane!
Sankuo ne bɛnta, monnyane!
Me nso mɛnyane anɔpahema. 9Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu;
mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu. 10Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro;
wo nokorɛ kɔka ewiem.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.