Nnwom 57:6
Psalms 57:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie, ahohiahia brɛɛ me ase. Wɔtuu amena wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.
Psalms 57:6 in English
Psalms 57:6 · Berean Standard Bible
They spread a net for my feet; my soul was despondent. They dug a pit before me, but they themselves have fallen into it! Selah
Context
4Agyata atwa me ho ahyia;
meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu,
nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma
na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam. 5Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ;
ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so. 6Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie,
ahohiahia brɛɛ me ase.
Wɔtuu amena wɔ me kwan mu,
nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu. 7Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn,
mʼakoma nhinhim;
mɛto dwom na mayi wo ayɛ. 8Me kra nyane!
Sankuo ne bɛnta, monnyane!
Me nso mɛnyane anɔpahema.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.