Nnwom 57:3
Psalms 57:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ.
Psalms 57:3 in English
Psalms 57:3 · Berean Standard Bible
He reaches down from heaven and saves me; He rebukes those who trample me. Selah God sends forth His loving devotion and His truth.
Context
1Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ,
na wo mu na me kra nya dwanekɔbea.
Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea
kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam. 2Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no;
Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho. 3Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa,
ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim;
Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ. 4Agyata atwa me ho ahyia;
meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu,
nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma
na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam. 5Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ;
ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.