Nnwom 51:15
Psalms 51:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, bue mʼano fafa, na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie.
Psalms 51:15 in English
Psalms 51:15 · Berean Standard Bible
O Lord, open my lips, and my mouth will declare Your praise.
Context
13Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ wʼakwan,
na amumuyɛfoɔ bɛsane aba wo nkyɛn. 14Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu.
Onyame a wogye me nkwa,
na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom. 15Ao Awurade, bue mʼano fafa,
na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie. 16Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ;
wʼani nnye ɔhyeɛ afɔdeɛ ho. 17Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ yɛ honhom a abotoɔ.
Ao Onyankopɔn,
worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.