Native Bible

Psalms 51:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu. Onyame a wogye me nkwa, na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom.

Psalms 51:14 in English

Psalms 51:14 · Berean Standard Bible

Deliver me from bloodguilt, O God, the God of my salvation, and my tongue will sing of Your righteousness.

Context

12Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me. 13Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ wʼakwan, na amumuyɛfoɔ bɛsane aba wo nkyɛn. 14Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu. Onyame a wogye me nkwa, na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom. 15Ao Awurade, bue mʼano fafa, na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie. 16Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ; wʼani nnye ɔhyeɛ afɔdeɛ ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.