Nnwom 50:5
Psalms 50:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me, wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.”
Psalms 50:5 in English
Psalms 50:5 · Berean Standard Bible
“Gather to Me My saints, who made a covenant with Me by sacrifice.”
Context
3Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm;
ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim,
ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia. 4Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase,
sɛ ɔrebu ne nkurɔfoɔ atɛn; 5Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me,
wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.” 6Ɔsoro pae mu ka ne tenenee,
na Onyankopɔn ankasa ne ɔtemmufoɔ. 7“Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa,
mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel;
Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.