Nnwom 50:3
Psalms 50:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm; ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim, ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.
Psalms 50:3 in English
Psalms 50:3 · Berean Standard Bible
Our God approaches and will not be silent! Consuming fire precedes Him, and a tempest rages around Him.
Context
1Tweaduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa,
na ɔfrɛ asase nyinaa
ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ. 2Onyankopɔn hran firi Sion
kuro a ne fɛ wie pɛ yɛ. 3Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm;
ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim,
ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia. 4Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase,
sɛ ɔrebu ne nkurɔfoɔ atɛn; 5Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me,
wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.