Nnwom 45:3
Psalms 45:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ; fa animuonyam ne kɛseyɛ fira.
Psalms 45:3 in English
Psalms 45:3 · Berean Standard Bible
Strap your sword at your side, O mighty warrior; appear in your majesty and splendor.
Context
1Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma
ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no;
me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua. 2Wodi mu wɔ mmarima mu
na wɔde adom bi asra wʼano,
ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti. 3Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ;
fa animuonyam ne kɛseyɛ fira. 4Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so
wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu;
ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi. 5Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu;
na ma amanaman nhwe wo nan ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.