Native Bible

Psalms 45:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no; me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua.

Psalms 45:1 in English

Psalms 45:1 · Berean Standard Bible

My heart is stirred by a noble theme as I recite my verses to the king;* my tongue is the pen of a skillful writer.

Context

1Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no; me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua. 2Wodi mu wɔ mmarima mu na wɔde adom bi asra wʼano, ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti. 3Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ; fa animuonyam ne kɛseyɛ fira.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.