Nnwom 41:6
Psalms 41:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ biara a obi ba me nkyɛn no, ɔka atorɔsɛm, na nʼakoma hɔre dinsɛeɛ; ɔfiri adi kɔ a, ɔde kɔdi nsekuro.
Psalms 41:6 in English
Psalms 41:6 · Berean Standard Bible
My visitor speaks falsehood; he gathers slander in his heart; he goes out and spreads it abroad.
Context
4Mekaa sɛ, “Ao Awurade hunu me mmɔbɔ;
sa me yadeɛ, ɛfiri sɛ mayɛ bɔne atia wo.” 5Mʼatamfoɔ de adwene bɔne ka wɔ me ho sɛ:
“Da bɛn na ɔbɛwu ama ne din ayera?” 6Ɛberɛ biara a obi ba me nkyɛn no,
ɔka atorɔsɛm, na nʼakoma hɔre dinsɛeɛ;
ɔfiri adi kɔ a, ɔde kɔdi nsekuro. 7Mʼatamfoɔ nyinaa keka asomusɛm fa me ho;
wɔsusu bɔne ma me na wɔka sɛ: 8“Yare bɔne bi abɔ no;
ɔrensɔre mfiri deɛ ɔda hɔ bio.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.