Native Bible

Psalms 41:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mekaa sɛ, “Ao Awurade hunu me mmɔbɔ; sa me yadeɛ, ɛfiri sɛ mayɛ bɔne atia wo.”

Psalms 41:4 in English

Psalms 41:4 · Berean Standard Bible

I said, “O LORD, be gracious to me; heal me, for I have sinned against You.”

Context

2Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra. Ɔbɛhyira no wɔ asase no so; ɔrennyaa no mma nʼatamfoɔ apɛdeɛ. 3Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yadeɛ mpa so na wagye no asi hɔ. 4Mekaa sɛ, “Ao Awurade hunu me mmɔbɔ; sa me yadeɛ, ɛfiri sɛ mayɛ bɔne atia wo.” 5Mʼatamfoɔ de adwene bɔne ka wɔ me ho sɛ: “Da bɛn na ɔbɛwu ama ne din ayera?” 6Ɛberɛ biara a obi ba me nkyɛn no, ɔka atorɔsɛm, na nʼakoma hɔre dinsɛeɛ; ɔfiri adi kɔ a, ɔde kɔdi nsekuro.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.