Native Bible

Psalms 41:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Yare bɔne bi abɔ no; ɔrensɔre mfiri deɛ ɔda hɔ bio.”

Psalms 41:8 in English

Psalms 41:8 · Berean Standard Bible

“A vile disease has been poured into him; he will never get up from where he lies!”

Context

6Ɛberɛ biara a obi ba me nkyɛn no, ɔka atorɔsɛm, na nʼakoma hɔre dinsɛeɛ; ɔfiri adi kɔ a, ɔde kɔdi nsekuro. 7Mʼatamfoɔ nyinaa keka asomusɛm fa me ho; wɔsusu bɔne ma me na wɔka sɛ: 8“Yare bɔne bi abɔ no; ɔrensɔre mfiri deɛ ɔda hɔ bio.” 9Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too ne soɔ, deɛ me ne no too nsa didiiɛ no, asɔre atia me. 10Nanso wo, Awurade, hunu me mmɔbɔ; pagya me, na mentua wɔn so ka.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.