Nnwom 41:10
Psalms 41:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso wo, Awurade, hunu me mmɔbɔ; pagya me, na mentua wɔn so ka.
Psalms 41:10 in English
Psalms 41:10 · Berean Standard Bible
But You, O LORD, be gracious to me and raise me up, that I may repay them.
Context
8“Yare bɔne bi abɔ no;
ɔrensɔre mfiri deɛ ɔda hɔ bio.” 9Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too ne soɔ,
deɛ me ne no too nsa didiiɛ no,
asɔre atia me. 10Nanso wo, Awurade, hunu me mmɔbɔ;
pagya me, na mentua wɔn so ka. 11Menim sɛ wʼani sɔ me,
na me ɔtamfoɔ renni me so nkonim. 12Me nokorɛdie mu, wokura me mu
na wode me gyina wʼanim afebɔɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.