Native Bible

Psalms 38:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm, mete sɛ mumu a ɔntumi nkasa.

Psalms 38:13 in English

Psalms 38:13 · Berean Standard Bible

But like a deaf man, I do not hear; and like a mute man, I do not open my mouth.

Context

11Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me; mʼafipamfoɔ twe wɔn ho firi me ho. 12Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ. Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho. 13Mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm, mete sɛ mumu a ɔntumi nkasa. 14Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, deɛ nʼano ntumi mma mmuaeɛ. 15Ao Awurade, meretwɛn wo; Ao Awurade me Onyankopɔn, wobɛgye me so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.