Native Bible

Psalms 37:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, wɔn akofena bɛwowɔ wɔn ankasa akoma mu, na wɔn tadua mu abubu.

Psalms 37:15 in English

Psalms 37:15 · Berean Standard Bible

But their swords will pierce their own hearts, and their bows will be broken.

Context

13nanso, Awurade sere amumuyɛfoɔ, na ɔnim sɛ wɔn nna abɛn. 14Amumuyɛfoɔ twe akofena na wɔkuntunu wɔn tadua mu sɛ wɔbɛkum ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ, sɛ wɔbɛkum wɔn a wɔn akwan tene. 15Nanso, wɔn akofena bɛwowɔ wɔn ankasa akoma mu, na wɔn tadua mu abubu. 16Kakra a ateneneefoɔ wɔ no som bo sene amumuyɛfoɔ bebree ahonya; 17ɛfiri sɛ, amumuyɛfoɔ ahoɔden bɛsa nanso Awurade bɛwowa ateneneefoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.