Native Bible

Psalms 37:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Kakra a ateneneefoɔ wɔ no som bo sene amumuyɛfoɔ bebree ahonya;

Psalms 37:16 in English

Psalms 37:16 · Berean Standard Bible

Better is the little of the righteous than the abundance of many who are wicked.

Context

14Amumuyɛfoɔ twe akofena na wɔkuntunu wɔn tadua mu sɛ wɔbɛkum ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ, sɛ wɔbɛkum wɔn a wɔn akwan tene. 15Nanso, wɔn akofena bɛwowɔ wɔn ankasa akoma mu, na wɔn tadua mu abubu. 16Kakra a ateneneefoɔ wɔ no som bo sene amumuyɛfoɔ bebree ahonya; 17ɛfiri sɛ, amumuyɛfoɔ ahoɔden bɛsa nanso Awurade bɛwowa ateneneefoɔ. 18Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna, na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.