Native Bible

Psalms 32:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a meyɛɛ komm no, me nnompe yɛɛ mmrɛ apinie a mesii no da mu nyinaa enti.

Psalms 32:3 in English

Psalms 32:3 · Berean Standard Bible

When I kept silent, my bones became brittle from my groaning all day long.

Context

1Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so. 2Nhyira nka onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne so, na nnaadaa nni ne honhom mu. 3Ɛberɛ a meyɛɛ komm no, me nnompe yɛɛ mmrɛ apinie a mesii no da mu nyinaa enti. 4Awia ne anadwo wo nsa yɛɛ den wɔ me so; mʼahoɔden saeɛ sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ. 5Afei, megyee me bɔne too mu. Mankata mʼamumuyɛ so. Mekaa sɛ, “Mɛka me bɔne akyerɛ Awurade,” na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.