Nnwom 32:4
Psalms 32:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awia ne anadwo wo nsa yɛɛ den wɔ me so; mʼahoɔden saeɛ sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ.
Psalms 32:4 in English
Psalms 32:4 · Berean Standard Bible
For day and night Your hand was heavy upon me; my strength was drained * as in the summer heat. Selah
Context
2Nhyira nka onipa a
Awurade mmu ne bɔne ngu ne so,
na nnaadaa nni ne honhom mu. 3Ɛberɛ a meyɛɛ komm no,
me nnompe yɛɛ mmrɛ
apinie a mesii no da mu nyinaa enti. 4Awia ne anadwo
wo nsa yɛɛ den wɔ me so;
mʼahoɔden saeɛ
sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ. 5Afei, megyee me bɔne too mu.
Mankata mʼamumuyɛ so.
Mekaa sɛ, “Mɛka
me bɔne akyerɛ Awurade,”
na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me. 6Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ
ɛberɛ a wɔhunu woɔ;
ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a,
ɛrenka no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.