Nnwom 27:7
Psalms 27:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, Awurade, sɛ mesu frɛ wo a, tie me! Hu me mmɔbɔ na gye me so!
Psalms 27:7 in English
Psalms 27:7 · Berean Standard Bible
Hear, O LORD, my voice when I call; be merciful and answer me.
Context
5Wɔ hia ɛda mu no
ɔde me sie nʼatenaeɛ;
ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu.
Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro. 6Afei ɔbɛma me tiri so
wɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so;
mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu;
na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade. 7Ao, Awurade, sɛ mesu frɛ wo a, tie me!
Hu me mmɔbɔ na gye me so! 8Mʼakoma ka wɔ wo ho sɛ, “Hwehwɛ nʼanim!”
Wʼanim, Ao Awurade na mɛhwehwɛ. 9Mfa wʼanim nhinta me,
mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔ
me ɔboafoɔ ne wo.
Mpo me na nnya me,
Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.