Native Bible

Psalms 18:43 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woagye me afiri nnipa no ntohyɛsoɔ mu, woayɛ me amanaman no ti; nnipa a mennim wɔn abɛyɛ mʼasomfoɔ.

Psalms 18:43 in English

Psalms 18:43 · Berean Standard Bible

You have delivered me from the strife of the people; You have made me the head of nations; a people I had not known shall serve me.

Context

41Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn, wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua. 42Meyamoo wɔn sɛ mfuturo a mframa bɔ guo; me hwiee wɔn guiɛ sɛ mmɔntene so atɛkyɛ. 43Woagye me afiri nnipa no ntohyɛsoɔ mu, woayɛ me amanaman no ti; nnipa a mennim wɔn abɛyɛ mʼasomfoɔ. 44Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ ɔsetie ma me; ananafoɔ koto mʼanim. 45Wɔn nyinaa botoboto; wɔfiri wɔn abandenden mu ba ahopopoɔ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.