Nnwom 18:45
Psalms 18:45 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn nyinaa botoboto; wɔfiri wɔn abandenden mu ba ahopopoɔ so.
Psalms 18:45 in English
Psalms 18:45 · Berean Standard Bible
Foreigners lose heart and come trembling from their strongholds.
Context
43Woagye me afiri nnipa no ntohyɛsoɔ mu,
woayɛ me amanaman no ti;
nnipa a mennim wɔn abɛyɛ mʼasomfoɔ. 44Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ ɔsetie ma me;
ananafoɔ koto mʼanim. 45Wɔn nyinaa botoboto;
wɔfiri wɔn abandenden mu ba ahopopoɔ so. 46Awurade te ase! Ayɛyi nka me Botan!
Wɔmma Onyankopɔn me Gyefoɔ no din so! 47Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ awere ma me,
ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.