Nnwom 18:31
Psalms 18:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho? Na hwan na ɔyɛ Ɔbotan no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn no.
Psalms 18:31 in English
Psalms 18:31 · Berean Standard Bible
For who is God besides the LORD? And who is the Rock except our God?
Context
29Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu;
me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo. 30Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ;
Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu.
Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a
wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu. 31Na hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho?
Na hwan na ɔyɛ Ɔbotan no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn no. 32Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden,
na ɔma me kwan yɛ pɛ. 33Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ.
Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.