Native Bible

Psalms 18:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo.

Psalms 18:29 in English

Psalms 18:29 · Berean Standard Bible

For in You I can charge an army, and with my God I can scale a wall.

Context

27Wogye ahobrɛasefoɔ nkwa, na wobrɛ ahantanfoɔ ase. 28Ao Awurade, woyɛ me kanea. Aane, woma me sum dane hann. 29Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo. 30Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu. 31Na hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho? Na hwan na ɔyɛ Ɔbotan no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.