Native Bible

Psalms 144:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

Psalms 144:8 in English

Psalms 144:8 · Berean Standard Bible

whose mouths speak falsehood, whose right hands are deceitful.

Context

6Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete; to wo mmemma no ma wɔn nnwane. 7Tene wo nsa firi soro bra fam; gye me na yi me firi nsuo akɛseɛ ho, firi ananafoɔ nsam, 8wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. 9Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo; mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo, 10ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo, na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.