Native Bible

Psalms 144:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo, na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano.

Psalms 144:10 in English

Psalms 144:10 · Berean Standard Bible

to Him who gives victory to kings, who frees His servant David from the deadly sword.

Context

8wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. 9Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo; mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo, 10ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo, na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano. 11Gye me na yi me firi ananafoɔ nsam, wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. 12Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛ bɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie, na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ adum a wɔasene de asiesie ahemfie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.