Nnwom 144:11
Psalms 144:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Gye me na yi me firi ananafoɔ nsam, wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.
Psalms 144:11 in English
Psalms 144:11 · Berean Standard Bible
Set me free and rescue me from the grasp of foreigners, whose mouths speak falsehood, whose right hands are deceitful.
Context
9Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo;
mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo, 10ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo,
na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano. 11Gye me na yi me firi
ananafoɔ nsam,
wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma
na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. 12Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛ
bɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie,
na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ adum
a wɔasene de asiesie ahemfie. 13Yɛn asan bɛyɛ ma.
Aduane ahodoɔ biara bɛba mu bi.
Yɛn nnwan bɛdɔɔso ayɛ mpem mpem,
ayɛ mpemdu du wɔ yɛn mfuo so;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.