Nnwom 144:7
Psalms 144:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Tene wo nsa firi soro bra fam; gye me na yi me firi nsuo akɛseɛ ho, firi ananafoɔ nsam,
Psalms 144:7 in English
Psalms 144:7 · Berean Standard Bible
Reach down from on high; set me free and rescue me from the deep waters, from the grasp of foreigners,
Context
5Ao Awurade, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam;
fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie. 6Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete;
to wo mmemma no ma wɔn nnwane. 7Tene wo nsa firi soro bra fam;
gye me na yi me
firi nsuo akɛseɛ ho,
firi ananafoɔ nsam, 8wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma,
na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. 9Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo;
mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.