Nnwom 143:4
Psalms 143:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu; na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu.
Psalms 143:4 in English
Psalms 143:4 · Berean Standard Bible
My spirit grows faint within me; my heart is dismayed inside me.
Context
2Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu,
na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim. 3Ɔtamfoɔ no taa me,
ɔbɔ me hwe fam;
ɔma me tena esum mu
te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada. 4Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu;
na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu. 5Mekae tete nna no;
medwendwene wo nnwuma
ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho. 6Mepagya me nsa kyerɛ wo;
wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.