Native Bible

Psalms 143:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mekae tete nna no; medwendwene wo nnwuma ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho.

Psalms 143:5 in English

Psalms 143:5 · Berean Standard Bible

I remember the days of old; I meditate on all Your works; I consider the work of Your hands.

Context

3Ɔtamfoɔ no taa me, ɔbɔ me hwe fam; ɔma me tena esum mu te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada. 4Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu; na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu. 5Mekae tete nna no; medwendwene wo nnwuma ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho. 6Mepagya me nsa kyerɛ wo; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee. 7Ao Awurade, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhinta me anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.