Native Bible

Psalms 140:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a wobɔ me tiri ban ɔko da,

Psalms 140:7 in English

Psalms 140:7 · Berean Standard Bible

O GOD the Lord, the strength of my salvation, You shield my head in the day of battle.

Context

5Ahantanfoɔ asum me afidie; wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu, wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so. 6Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.” Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su. 7Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a wobɔ me tiri ban ɔko da, 8nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade; mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie. 9Wɔatwa me ho ahyia, nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.