Native Bible

Psalms 140:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.” Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su.

Psalms 140:6 in English

Psalms 140:6 · Berean Standard Bible

I say to the LORD, “You are my God.” Hear, O LORD, my cry for help.

Context

4Ao Awurade, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ a wɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu. 5Ahantanfoɔ asum me afidie; wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu, wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so. 6Ao Awurade, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.” Ao Awurade, tie me mmɔborɔ su. 7Ao Otumfoɔ Awurade, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a wobɔ me tiri ban ɔko da, 8nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao Awurade; mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.