Nnwom 133
Psalms 133 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ
sɛ anuanom bom tena faako! 2Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,
na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu,
ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu,
ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so. 3Ɛte sɛ Hermon bosuo a
ɛtɔ gu Bepɔ Sion so.
Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira,
nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.