Native Bible

Psalms 122 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 122
1Ɛberɛ a wɔsee me sɛ, “Ma yɛnkɔ Awurade fie” no, mʼani gyeeɛ. 2Yɛgyinagyina wʼapono ano, Ao Yerusalem. 3Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn. Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ. 4Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ, Awurade mmusuakuo no. Wɔkɔkamfo Awurade din sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ. 5Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi, Dawid fie nhennwa no. 6Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ. 7Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo mu na banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu.” 8Me nuanom ne me nnamfonom enti, meka sɛ, “Asomdwoeɛ ntena wo mu.” 9Awurade yɛn Onyankopɔn fie enti, mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.