Native Bible

Psalms 119:95 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho.

Psalms 119:95 in English

Psalms 119:95 · Berean Standard Bible

The wicked wait to destroy me, but I will ponder Your testimonies.

Context

93Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no, ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so. 94Gye me nkwa, na meyɛ wo dea; na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no. 95Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho. 96Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem; nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ. 97Ao medɔ wo mmara no! Medwendwene ho ɛda mu nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.