Nnwom 119:94
Psalms 119:94 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Gye me nkwa, na meyɛ wo dea; na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no.
Psalms 119:94 in English
Psalms 119:94 · Berean Standard Bible
I am Yours; save me, for I have sought Your precepts.
Context
92Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a,
anka mʼamanehunu akum me. 93Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no,
ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so. 94Gye me nkwa, na meyɛ wo dea;
na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no. 95Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me,
nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho. 96Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem;
nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.