Native Bible

Psalms 119:153 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no.

Psalms 119:153 in English

Psalms 119:153 · Berean Standard Bible

Look upon my affliction and rescue me, for I have not forgotten Your law.

Context

151Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me, na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ. 152Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ a wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no. 153Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no. 154Di mʼasɛm ma me na gye me. Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 155Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware, ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.