Nnwom 119:151
Psalms 119:151 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me, na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ.
Psalms 119:151 in English
Psalms 119:151 · Berean Standard Bible
You are near, O LORD, and all Your commandments are true.
Context
149Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ;
Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara teɛ. 150Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn,
nanso wɔne wo mmara ntam ware. 151Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me,
na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ. 152Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ
a wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no. 153Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa
ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.